Psalms 132

Ahobrɛase mu ahotoso mpaebɔ

1 Awurade, mma wo werɛ mfi Dawid ne ɔhaw ahorow a otumi gyinaa ano no.
2 Awurade, kae bɔ a ɔhyɛɛ wo no; ɛbɔ a ɔhyɛɛ wo,
Yakob Nyankopɔn Tumfoɔ no.
3Merenkɔ fie, na merenkɔda;
4merenhome, na merenna
5gye sɛ, mapɛ baabi ama Awurade,
Yakob Nyankopɔn Tumfoɔ no.
6Yɛtee Apam Adaka no ho asɛm wɔ Betlehem, na yehui wɔ Efrata kwaem.
7Yɛkae se, “Momma yɛnkɔ Awurade fi; momma yɛnsom wɔ nʼahengua no anim.”
8 Awurade, fa Apam Adaka a ɛyɛ wo tumi ho nsɛnkyerɛnne no bra wo fi ha, na tena ha daa nyinaa.
9Wʼasefo nyinaa nyɛ nea ɛho tew; ma wo nkurɔfo nyinaa nteɛm anigye so.
10Wohyɛɛ wo somfo Dawid bɔ.
Mpa wo hene a woayi no no,
Awurade.
11Wohyɛɛ wo somfo Dawid bɔ; ɛbɔ a worennan ani se, “Mɛyɛ wo mma no mu baako ɔhene, na wʼakyi no, ɔno na obedi ade.
12Sɛ wo mma di mʼapam no nokware na wodi ahyɛde a mede ma wɔn no so a, wɔn mma nso bedi wʼade sɛ ahene daa nyinaa.”
13 Awurade ayi Sion sɛ ɔpɛ sɛ ɔde hɔ yɛ ne fi.
14“Ɛha na mɛtena daa nyinaa; ɛha na mepɛ sɛ midi hene.
15Biribiara a ɛho hia Sion no, mede bɛma no.
Mɛma nʼahiafo aduan.
16Mehyira nʼasɔfo nea wɔyɛ biara mu, na nkurɔfo bɛto ahosan dwom.
17Ɛha na mɛyɛ Dawid aseni baako Ɔhene kɛse; ɛha na mʼani beku me hene a meyi no no ahenni ho.
18Mede aniwu bɛkata nʼatamfo ho nanso nʼahemman de, ɛbɛkɔ so frɔmfrɔm.”
Copyright information for TwiNAK